Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Petro ampene asɛm a ɔkae no so kae se, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro mʼanan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ manhohoro wʼanan ase a na wonka me ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Petro ampene asɛm a ɔkaeɛ no so kaa sɛ, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro me nan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Petro see no sɛ: Meremma wonhohoro me nan ho da! Yesu see no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wunni m’afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:8
28 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Me ba ne mo renkɔ, ɛfiri sɛ ne nua awu, na aka ɔno nko, na sɛ mmusuo bi kɔto no wɔ kwan a morekorɔ no mu a, ɛnneɛ mode me dwono bɛkɔ Asamando awerɛhoɔ mu.


Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu.


Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu, monkɔ mo afie mu, Israel, afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie.


Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu.


Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.


Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da!


Na ɔba no buaa sɛ: Merenkɔ! Na akyire yi, ɔsesaa n’adwene, na ɔkɔeɛ.


Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da.


Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo. Saa ara na asuafoɔ no nyinaa nso kaeɛ.


Ɛnna ɔbɛduruu Simon Petro soɔ; na ɔno deɛ, ɔsee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro me nan ho yi?


Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi.


Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.


Na afei, adɛn na worekyinkyim wo ho? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho wɔ asɛm no mu, ayɛ no kronkron,


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kuro apono mu, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔnni mo mu kyɛfa anaa agyapadeɛ.


Mommma obi mfa anisoɔ ahobrɛaseɛ ne abɔfosom mmma nkonimboɔ no mmɔ mo, sɛ ɔkura nnoɔma a wahunu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu,


Deɛ nnoɔma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisoɔ som ne ahobrɛaseɛ ne atirimuɔden a wɔyɛ no honam so deɛ, na yeinom nyinaa mfa mfasoɔ mma na mmom ne nyinaa yɛ deɛ ɛhyɛ honam akɔnnɔ ma.


ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.


momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan