Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu kaa eyinom nyinaa wiei no, ne ho yeraw no ma ɔpaee mu kae se, “Mereka nokware akyerɛ mo, mo mu baako beyi me ama!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraw no honhom mu, na odii adanse sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, mo mu biako beyi me ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:21
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔredidie no, ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baako rebɛyi me ama.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn.


Na wɔte hɔ redidie no, Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a mone me redidie yi mu baako bɛyi me ama.


Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.


Ɛnna Yesu hunuu no sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔne no baeɛ nso resu no, ɔguu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no,


Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano.


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.


Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.


Ɛnna asuafoɔ no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wɔnhunu onii korɔ a ɔne no.


Na Paulo retwɛn wɔn wɔ Atene na ɔhunuu sɛ kuro no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ no ahometeɛ pa ara.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan