Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a na Yesu ne nʼasuafo te adidii no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ onyi Yesu mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a na Yesu ne nʼasuafoɔ te adidiiɛ no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ ɔnyi Yesu mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:2
14 Iomraidhean Croise  

Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene akoma mu, sɛ ɔde rebɛhyehyɛ AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no,


Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.


Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.


Na Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dummienu no mu baako no mu.


Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ ɔnya mo na ɔhuhu mo so sɛ aburoo.


Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no.


ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho.


Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito akoma mu.


Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan