Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a waguare no aguaree ho nhia no bio gye nʼanan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne nipadua no de, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho afi, gye mo mu baako pɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a wadware no, adwareɛ ho nhia no bio gye ne nan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne onipadua no deɛ, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho ate, gye mo mu baako pɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Yesu see no sɛ: Nea waguare no, enhia no aguare, gye ne nan ho hohoro, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:10
23 Iomraidhean Croise  

Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


Wo ho nyinaa yɛ fɛ, me dɔfoɔ, na ɛdɛm biara nni wo ho.


Nna no mu, ne berɛ no mu, AWURADE asɛm nie, na wɔbɛhwehwɛ Israel amumuyɛ, nso na ɛnni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhunu, na mede bɛfiri wɔn a memaa wɔkaeɛ no.


Na deɛ ɔde ɔpapo no kɔ kɔgyaa no maa Asasel no nsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsraban no mu.


Na deɛ ɔkɔ kɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na waba nsraban no mu.


Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.


Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi.


Asɛm a maka makyerɛ mo no nti, mo ho anya afi.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.


Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.


na ɛne nnuane ne anonneɛ ne adware ahodoɔ yɛ honam nsiesieeɛ nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkɔduru berɛ a wɔahyɛ ato hɔ no.


Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan