Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu no, Yesu huu sɛ afei bere aso sɛ ofi wiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifo, na ɔdɔɔ wɔn kosii sɛ owui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu hunuu sɛ afei, berɛ aso sɛ ɔfiri ewiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifoɔ, na ɔdɔɔ wɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wiase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:1
44 Iomraidhean Croise  

na m’ani gye ne wiase asase so, na m’ani ka wɔ nnipa mma mu.


AWURADE ama mahu no akyirikyiri. Na daa dɔ na mede madɔ woɔ, enti na matwe wo adɔeɛ soɔ.


Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.


Na ɛbaa sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie duru no, ɔde sii n’anim sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.


Na Yudafoɔ Twam no abɛn; na nnipa pii firii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no duruiɛ, sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.


Na ebinom susu sɛ Yuda kura kotokuo no nti, Yesu reka akyerɛ no sɛ: Kɔtotɔ deɛ ɛhia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ.


Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,


Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!


Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me.


Nanso meyɛ sɛdeɛ Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yɛmfiri ha nkɔ!


Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,


Wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.


na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.


Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!


Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hwan?


Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.


Na Yudafoɔ Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.


Nso na Twam da a ɛyɛ Yudafoɔ afahyɛ no abɛn.


Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me deɛ, me berɛ nnya nnurui, na mo berɛ deɛ, ɛduru daa.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ.


ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.


Nanso sɛ deɛ yɛfirii aseɛ de yɛn ho too soɔ no, yɛsɔ mu pintinn kɔsi awieeɛ a, yɛn ne Kristo bɛyɛ baako.


Na Kristo deɛ, ɔdi ne fie so sɛ ɔba; nso ne fie no ne yɛn, nanso gye sɛ yɛsɔ anidasoɔ no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kɔsi awieeɛ.


Na yɛyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmaako mmaako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidasoɔ a akyinnyeɛ nni mu koraa mu de kɔduru awieeɛ,


Enti mommɔ mo adwene mu abɔsoɔ, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyie mu no so koraa.


Yɛdɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kane.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan