Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Na mpanimfoɔ no mu pii nso gyee no diiɛ; nanso Farisifoɔ no nti wɔanka, na wɔantu wɔn amfiri hyiadan mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 Na mpanimfoɔ no mu pii nso gyee no diiɛ; nanso Farisifoɔ no nti wɔanka, na wɔantu wɔn amfiri hyiadan mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Mpo, na Yudafo mpanyimfo no mu pii gye Yesu di, nanso na wosuro sɛ, sɛ Farisifo no hu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Mpo, na Yudafoɔ mpanin no mu pii gye Yesu di, nanso na wɔsuro sɛ, sɛ Farisifoɔ no hunu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 Nanso mpanyimfo no mu pii nso gyee no dii; na Farisifo no nti wɔanka, na wɔantutu wɔn amfi hyiadan mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:42
25 Iomraidhean Croise  

Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,


Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ, na wodii atorɔ, na woankae me amfa anhyɛ w’akoma mu yi? Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ nti na wonsuro me yi anaa?


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Na Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Me deɛ, mesuro Yudafoɔ a wɔawae akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn no, sɛ ebia wɔde me bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagoro me ho.


Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim;


Nso mese mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim.


Na Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne ɔman no boaa ano


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.


Ɛnna Yudafoɔ no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wɔhunuu adeɛ a Yesu yɛeɛ no gyee no diiɛ.


ɛfiri sɛ, ne nti na Yudafoɔ mu pii kɔeɛ, kɔgyee Yesu diiɛ.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.


Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi?


N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.


Wɔbua see no sɛ: Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpamm no firii adi.


Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


Na akoma na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagyeɛ mu.


Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.


Yei mu na monhunu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no firi Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan