Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Nkurɔfokuo no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose: Ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ? Hwan ne Onipa Ba yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Nkurɔfokuo no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose: Ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ? Hwan ne Onipa Ba yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Nnipa no kae se, “Kyerɛwsɛm no di adanse sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn nti na woka kyerɛ yɛn se, ‘Ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so’. Hena ne saa Onipa Ba no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Nnipa no kaa sɛ, “Atwerɛsɛm no di adanseɛ sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn enti na wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hwan ne saa Onipa Ba no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Nkurɔfokuw no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne Onipa Ba yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:34
26 Iomraidhean Croise  

Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.


AWURADE aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfoɔ, Melkisedek dibea so.


Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so, na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.


Wɔde ahodwan ne atemmuo yii no kɔe; ne berɛsofoɔ nso, hwan na ɔdwenee ho sɛ wɔahwim no afiri ateasefoɔ asase so korɔ, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da.


Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahennie ne tumi ne kɛseyɛ bɛma Ɔsorosoroni akronkronfoɔ man; n’ahennie yɛ daa ahennie, na tumi nyinaa bɛsom no na atie no.


Na mɛma asiiɛfoɔ no ayɛ nkaeɛ, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛseɛ; na AWURADE bɛdi wɔn so hene Sion bepɔ so afiri nnɛ de akɔsi daa.


Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?


Na ɔduruu Yerusalem no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi sɛ: Hwan ni?


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔntwerɛɛ no mo mmara mu sɛ: Mekaa sɛ: Moyɛ anyame?


Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.


Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Enti afei, sɛdeɛ afobuo nam ɔbaakofoɔ mfomsoɔ so baa nnipa nyinaa soɔ no, sɛ nso nkwa bembuo nam ɔbaakofoɔ tenenee soɔ baa nnipa nyinaa soɔ ne no.


nanso oyi deɛ, ɛnam sɛ ɔte hɔ daa nti, ɔdi sɔfoɔ afebɔɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan