Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na nea ɔnnɔ ne kra no benya nkwa a enni awiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Nea ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa; na nea ɔtan ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:25
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnna asetena fonoo me, ɛfiri sɛ na nnoɔma a wɔyɛ no owia yi ase no nyɛ wɔ m’ani so; na ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.


Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka.


Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa.


Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa!


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ne kra bɛfiri ne nsa no ɔbɛgye no nkwa.


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


Mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ a wɔasɔreɛ; na ebinom nso, wɔde wɔn goroo atɔprɛ, na wɔampɛ ɔgyeɛ, na wɔn nsa aka owusɔreɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ.


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan