Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛnna nkurɔfokuo a wɔne no wɔ hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na ɔnyanee no firii awufoɔ mu no dii adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Ɛnna nkurɔfokuo a wɔne no wɔ hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na ɔnyanee no firii awufoɔ mu no dii adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wohuu sɛ Yesu nyan Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhunu sɛ Yesu nyanee Lasaro firii awufoɔ mu no kaa asɛm a ɛsii no kyerɛɛ afoforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wɔ hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii ɔdamoa mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:17
17 Iomraidhean Croise  

Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.


Na Yohane dii adanseɛ sɛ: Mehunuu Honhom no sɛ ɔfiri soro resiane sɛ aburuburo, na ɔbɛtenaa ne so.


Na mahunu na madi adanseɛ sɛ, oyi ne Nyankopɔn ba no.


Ɛnna Yudafoɔ a wɔne no wɔ efie hɔ regyam no no hunuu sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afiri adie no, wɔdii n’akyi kaa sɛ: Ɔrekɔ ɛda no so hɔ akɔsu.


Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Ɛnna Yudafoɔ no mu nkurɔfokuo pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko ara ntira, na mmom sɛ wɔbɛhunu Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no nso ntira.


Na deɛ ɔhunuiɛ no adi adanseɛ, — na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔno deɛ, ɔnim sɛ ɔka nokorɛ, — na mo nso moagye adi.


Oyi ne osuani a ɔdi yeinom ho adanseɛ na ɔtwerɛɛ yeinom no; na yɛnim sɛ n’adanseɛ no yɛ nokorɛ.


firi Yohane asubɔ so de bɛsi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ soro no mu baako ne yɛn yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.


Aane, yɛn, yɛyɛ yeinom ho adansefoɔ, na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔtie no no yɛ.


a wadi Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo adanseɛ ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa ho adanseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan