Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 11:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsane no, na momma no nkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsane no, na momma no nkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Na nea wawu no fii adi, ɔda no mu, ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 11:44
20 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.


na ɔno na ɔka a, ɛba mu, ɔno na ɔhyɛ a, ɛgyina hɔ.


Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa? Mɛgye wɔn owuo mu anaa? Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ? Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ? Ahonu ahunta afiri m’ani so.


Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.


Na ɔfoforɔ no ba bɛkaa sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a mede mehyɛɛ duku mu no nie.


Na owufoɔ no sɔre tenaa ase, na ɔfirii aseɛ kasae, na ɔde no maa ne na.


Me ne Agya no yɛ baako.


Yesu kaa sɛ: Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.


Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra!


Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no.


Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n’ani bɔɔ nwera no so sɛ ɛgu hɔ deɛ, nanso wankɔ mu.


ne duku a wɔde bɔɔ ne tire nanso sɛ ɛngu nwera no ho, na mmom wɔabobɔ ɛno nkutoo da baabi no.


Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ, na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa.


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


AWURADE na ɔkum, na ɔma nkwa; ɔma wɔsiane kɔ Asamando, na ɔma wɔforo firi adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan