Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 11:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ menni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ menni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 nanso mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ minni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 11:15
16 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kaa sɛ: Mene w’agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w’akyi. Mɛhyira wo, na m’akoa Abraham nti mɛma w’asefoɔ adɔre.


Na ɛfiri berɛ a ɔde no sii ne fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ no, Yosef nti AWURADE hyiraa Misraimni no fie, na AWURADE nhyira baa deɛ ɔwɔ nyinaa so, efie ne afuom.


wamma obiara kwan sɛ ɔnhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim sɛ:


Hwɛ, wɔpɛ wo ntɔkwa, nso ɛmfiri me; deɛ ɔsuae wo soɔ no, wo nti ɔbɛhwe ase.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ nsa ba bobe aba esia mu a wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu, no, saa ara na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa.


Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu;


Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu!


Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.


Yesu bua kaa sɛ: Ɛnyɛ me nti na ɛnne yi baeɛ, na mo ntira.


Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron nokorɛ mu.


Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.


Aane, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom no adɔɔso afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn animuonyam.


Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.


Yeinom na matwerɛ mabrɛ mo, na moahunu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Nyankopɔn Ba no din adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan