Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn a wɔdii mʼanim kane no yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Wɔn a wodii me kan bae no nyinaa yɛ awifo ne adwowtwafo; na nguan no antie wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:8
11 Iomraidhean Croise  

Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe me nnwankuo bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm nie.


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn?


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufoɔ nso yɛ anwummerɛ mpataku, wɔnnya biribi nkɔsi anɔpa.


Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;


Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;


Na ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi, na wɔbɛdwane no; ɛfiri sɛ wɔnnim ananafoɔ nne.


Na ɛnkyɛree na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔreeɛ, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wɔkumm no, na wɔn a wɔtiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan