Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:4
23 Iomraidhean Croise  

Me dɔfoɔ nne nie! Hwɛ, ɔreba! Ɔhuri tratra mmepɔ, ɔte nkokoɔ so pentenkwa.


Me deɛ, medae, nanso na m’akoma anyane. Tie! me dɔfoɔ na ɔrebom sɛ: Hini me, me nuabaa, me dɔfoɔ, m’aburuburo a wodi mu; na obosuo ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔeɛ ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.


Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.


Na mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu; wɔn nso na ɛtwa sɛ mede wɔn meba, na wɔbɛtie me nne, na ayɛ kuo baako ne ɔhwɛfoɔ baako.


Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;


Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi.


Na ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi, na wɔbɛdwane no; ɛfiri sɛ wɔnnim ananafoɔ nne.


Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn.


Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.


Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.


Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ.


Monhwɛ me nsua me, sɛdeɛ me nso mehwɛ Kristo mesua no no.


Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo,


AWURADE mo Nyankopɔn a ɔdi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛdeɛ ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara,


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


deɛ odikanfoɔ bi hyɛnee hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panin.


Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi.


Na afei, sɛ Kristo ahunu amane honam mu yi, mo nso momfa adwenkorɔ no ara mmia mo ho, (ɛfiri sɛ deɛ wahunu honam mu amaneɛ no agyae bɔneyɛ,)


ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔdi asafotoɔ no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ mma nnwankuo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan