Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ sɛ mosi me aboɔ yi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a efi Agya no nkyɛn; emu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:32
16 Iomraidhean Croise  

Wɔde bɔne tua me papa ka, me kra adi basugya.


Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ: Ɛdeɛn bɔne na mayɛ woɔ ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafoɔ dan mu yi?


Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na monnye nni; nnwuma a meyɛ no m’Agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ.


Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.


Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.


Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ monnnye me nnni;


Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan