Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

31 Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Ɛnna Yudafo no tasee abo bio sɛ wɔde rebesiw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:31
13 Iomraidhean Croise  

Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ.


Na Farisifoɔ no firi adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛkum no.


Na ahwɛsofoɔ no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wɔkumm bi, na wɔsii bi aboɔ.


na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.


Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.


Ɛnna Yudafoɔ bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔsee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee?


Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?


Asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara, na Yudafoɔ rehwehwɛ sɛ wɔsi wo aboɔ, na worekɔ hɔ bio yi?


Na yei mmom nti afei Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔkum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn yɛ pɛ.


Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan