Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 M’Agya a ɔde wɔn maa me no yɛ kɛseɛ sene nnoɔma nyinaa; na obi rentumi nhwim wɔn m’Agya nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

29 M’Agya a ɔde wɔn maa me no yɛ kɛseɛ sene nnoɔma nyinaa; na obi rentumi nhwim wɔn m’Agya nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

29 M’agya a ɔde wɔn maa me no so sen nneɛma nyinaa; na obi rentumi nhuam wɔn m’agya nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:29
12 Iomraidhean Croise  

AWURADE so, na ɔsɛ ayeyie kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛeɛ.


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ si soso fa! na n’anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ den fa! n’ahennie yɛ daa ahennie, na ne tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.


Me ne Agya no yɛ baako.


Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me.


Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn firi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.


Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea.


Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan