Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na monnye nni; nnwuma a meyɛ no m’Agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na monnye nni; nnwuma a meyɛ no m’Agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so yɛ no di me ho adanse,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu yɛ no di me ho adanseɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na munnye nni; nnwuma a meyɛ m’agya din mu no, ɛno na edi me adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:25
17 Iomraidhean Croise  

Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?


Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ monnnye me nnni;


na sɛ meyɛ, na me deɛ, monnye me nni a, monnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahunu sɛ, Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii.


Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ bebree wɔ wɔn anim deɛ, nanso wɔannye no anni,


Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti monnye nni!


Na afei, nsɛnkyerɛnneɛ pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛɛ no asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ no nwoma yi mu.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi?


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Enti mese mo sɛ: Mobɛwu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mobɛwu mo bɔne mu.


Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n’ani gyee.


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan