Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Saa hann yi ne nokorɛ hann a ɛba ewiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:9
15 Iomraidhean Croise  

ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie.


Enti sɛ wo nipadua nyinaa yɛ hann na baabiara nni sum a, ne nyinaa bɛyɛ hann, sɛdeɛ kanea de ne hyerɛn ma wo hann no.


Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;


Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi.


Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.


Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom.


Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu.


Nso meretwerɛ ahyɛdeɛ foforɔ mabrɛ mo a ɛyɛ nokorɛ wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwa mu, na nokorɛ hann no anya rehyerɛn.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan