Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Nso Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Nso Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Na Filipo nso fi Betsaida a na Petro ne Andrea nso fi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Nso Filipo fi Betsaida, Andrea ne Petro kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:44
18 Iomraidhean Croise  

Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


ne Andrea, ne Filipo ne Bartolomeo, ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo, ne Kanani Simon,


Na ntɛm ara na ɔpiapiaa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, na wɔnni n’anim nkɔ asuogya nohoa, Betsaida fam, na ɔnnya nkurɔfokuo no kwan ansa.


Na wɔduruu Betsaida. Na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔtenatenaa ayitoma ne nso mu sakyeraa wɔn adwene ntɛm ara.


Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakobo ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo,


Na asomafoɔ no sane bae, na wɔbɛkaa deɛ wɔakɔyɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ afa baabi, kuro a wɔfrɛ no Betsaida no ho.


Adeɛ kyeeɛ no, Yesu pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea; na ɔhunuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!


Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ: Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no.


Na Natanael see no sɛ: Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!


Natanael see no sɛ: Ɛdeɛn na wode hunuu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ woɔ, a na wowɔ borɔdɔma no aseɛ no na mehunuu woɔ.


ɛnna wɔbaa Filipo a ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.


Filipo ba bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu.


Afei Yesu maa n’ani so, na ɔhunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ reba ne nkyɛn no, ɔsee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama yeinom adie?


Filipo buaa no sɛ: Paanoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya kakra.


Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan