Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no” (Kristo no).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Adeɛ a ɛdi ɛkan a Andrea yɛeɛ ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Mesia no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Ɔno na ohuu n’ankasa ne nua Simon kan, na osee no sɛ: Yɛahu Mesaia (a ne nkyerɛase ne Kristo) no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:41
21 Iomraidhean Croise  

Ɛnna wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn deɛ, yɛayɛ komm yi; na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, asotwe bi bɛda yɛn so; na afei momma yɛnkɔ ahemfie nkɔka!


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,


Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.


Mahunu m’akoa Dawid, mede me ngo kronkron masra no.


Na AWURADE honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


Na wɔhunuu no no, wɔkaa abɔfra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no.


Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.


Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ: Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no.


Ɔbaa no see no sɛ: Menim sɛ Mesaia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn nnoɔma nyinaa.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan