Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:38 - New Revised Asante Twi Bible

38 Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n’akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ: Morehwehwɛ deɛn? Na wɔsee no sɛ: Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

38 Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n’akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ: Morehwehwɛ deɛn? Na wɔsee no sɛ: Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

38 Yesu twaa nʼani huu sɛ wodi nʼakyi no, obisaa wɔn se, “Dɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no se, “Rabi” (a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfo), “ɛhe na wote?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

38 Yesu twaa nʼani hunu sɛ wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no sɛ, “Rabi” (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ), “ɛhe na wote?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

38 Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:38
30 Iomraidhean Croise  

Nhyira ne wo yerenom, nhyira ne w’asomfoɔ yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi tie wo nyansa no.


Adeɛ baako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyiri kwan; sɛ me nna a medie nyinaa mɛtena AWURADE fie, na mahwɛ AWURADE animteɛ, na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie.


Ɛne anyansafoɔ mmɔ, na dane onyansani, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.


Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu, na nhyira ne deɛ ɔkura mu.


Nhyira ne onipa a ɔtie me na ɔwɛn m’apono ano daa daa, na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ.


Wo AWURADE, wote hɔ daa, w’adwa tim hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii ne no nam. Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ:


Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano.


Na Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hunuu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam! Na wo fie na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.


Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.


Na ɔbarima no a ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:


Na asuafoɔ baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wɔkɔdii Yesu akyi.


Ɔsee wɔn sɛ: Mommra mmɛhwɛ! Enti wɔkɔe, na wɔkɔhunuu faako a ɔteɛ; na wɔtenaa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ anwummerɛ nnɔnnan.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!


ɛnna wɔbaa Filipo a ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.


Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hwan?


Ɛnna ɔbisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hwan? Na wɔse: Yesu, Nasareni no.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.


Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, didi!


Na wɔhunuu no ɛpo no agya no, wɔsee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha?


Na Petro siane kɔɔ nnipa a Kornelio somaa wɔn baa ne nkyɛn no nkyɛn kaa sɛ: Hwɛ, mene deɛ morehwehwɛ no no; ɛdeɛn nti na mobaeɛ?


Enti nso na mosoma maa wɔbɛhyiaa me no, manyi ano na maba yi. Afei merebisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me.


Na Rut kaa sɛ: Nhyɛ me sɛ mennya wo hɔ na mennyae w’akyiri die nsane nkɔ; na deɛ wokorɔ na mɛkorɔ, na deɛ wosoɛ na mɛsoɛ; wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan