Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Oyi ne deɛ mekaa wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyiri reba a ɔkyɛne me mpo, ɛfiri sɛ ɔdii m’anim kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 Oyi ne deɛ mekaa wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyiri reba a ɔkyɛne me mpo, ɛfiri sɛ ɔdii m’anim kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Oyi ne nea mekae wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyi reba a ɔsen me mpo, efisɛ odii m'anim kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:30
6 Iomraidhean Croise  

Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Yohane kasa kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me deɛ, mede nsuo na mebɔ mo asu; na deɛ ne ho yɛ den sene me reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


(Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaa mu sɛ: Oyi ne deɛ mekaa sɛ: Deɛ ɔdi m’akyiri reba no, ɔkyɛne me, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)


Ɔno ne deɛ ɔdi m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo.


Na me deɛ, anka mennim no; na sɛ wɔbɛyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsuo mu.


Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan