Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Ɔno ne deɛ ɔdi m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Ɔno ne deɛ ɔdi m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi mʼakyi aba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔ; ɔno na ɔbɛdi mʼakyi aba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Ɔno ne nea odi m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:27
9 Iomraidhean Croise  

sɛ ɛfiri asaawa so de kɔsi mpaboa homa soɔ, meremfa biribiara a ɛyɛ wo deɛ, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho;


Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na ɔpaee mu kaa sɛ: Deɛ ne ho yɛ den sene me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekoto mesane ne mpaboa homa.


Yohane kasa kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me deɛ, mede nsuo na mebɔ mo asu; na deɛ ne ho yɛ den sene me reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


(Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaa mu sɛ: Oyi ne deɛ mekaa sɛ: Deɛ ɔdi m’akyiri reba no, ɔkyɛne me, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)


Oyi ne deɛ mekaa wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyiri reba a ɔkyɛne me mpo, ɛfiri sɛ ɔdii m’anim kan.


Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ.


Na Yohane reyɛ awie ne dwumadie no, ɔkaa sɛ: Mosusu sɛ mene hwan? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne nan ase mpaboa.


Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakyera asu mmom, ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, wɔnnye deɛ ɔdi n’akyiri reba a ɔne Yesu no nni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan