Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yoel 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Mompae yei amanaman mu, monnwira ɔsa ho, monnyane nnɔmmarima, akofoɔ nyinaa ntwe mpini, wɔmforo mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Mompae yei amanaman mu, monnwira ɔsa ho, monnyane nnɔmmarima, akofoɔ nyinaa ntwe mpini, wɔmforo mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mompae mu nka eyi wɔ aman so: Munsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyan asraafo! Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mo mpae mu nka yei wɔ aman so: Monsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyane akodɔm! Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Mompae eyi amanaman mu, munnwira ɔsa ho, munnyan nnɔmmarima, akofofo nyinaa ntwiw mmɛn, wɔmforo mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yoel 3:9
16 Iomraidhean Croise  

Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim, na ɔbɛdi aman so, tenenee mu.


Amanaman, montwe mpini mmɛtie, na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa.


Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.


Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Monse agyan, monsɔ akyɛm mu! AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.


Monsi asase no so frankaa, monhyɛne ntotorobɛnto amanaman mu; monsiesie amanaman nkyere ne so sa, monhyia Ararat, Mini ne Askenas ahennie ntia no. Monsi sahene ntia no, momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛ kuro a wɔretu.


Monkyere ne so ɔsa, monsɔre mma yɛnkɔtoa no awia ketee. Yɛnnue, na adeɛ resa, na anwummerɛ sunsum mu atwe.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wone deɛ mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifoɔ a wɔkaa adiyisɛm nna no mu, mfeɛ pii no so mekaa sɛ mede wo bɛba wɔn soɔ no?


Mia na siesie wo ho, wo ne w’asafo ahodoɔ a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn nyinaa, na yɛ wɔn ɔhwɛfoɔ.


Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no.


na mɛwoso amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de w’agyapadeɛ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔrentwitwa wɔn mfiri kuro no mu.


Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan