Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yoel 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na matontɔn mo mmabanin ne mo mmammaa mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafoɔ, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 na matontɔn mo mmabanin ne mo mmammaa mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafoɔ, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 na matontɔn mo mmabanin ne mo mmabea mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafo, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yoel 3:8
12 Iomraidhean Croise  

ɛnna Sabafoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so na wɔafa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no, wɔde nkrantɛ ano akukum wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.


Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.


Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion.


Ɛno nti wɔn a wɔtete wo mu nyinaa, wɔbɛte wɔn mu, na wɔn a wɔhiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wɔtwa wo dwo no, wɔbɛtwa wɔn dwo, na wɔn a wɔfom wo fa nyinaa, mɛma wɔafom wɔn afa.


Ɛdeɛn na oduhwamfufuo a wɔde firi Seba ba ne ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ no yɛ ma me? Mo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ m’ani na mo kum afɔdeɛ nyɛ me dɛ.


Na asafo yuu a wɔato wɔn ho mpan wɔ mu, na wɔde nsabofoɔ kaa nnipa dodoɔ no ho firi ɛserɛ so baeɛ, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotire afɛfɛ bobɔɔ wɔn.


Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne wɔn a wɔwɔ nkuraase no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asadeɛ na worebɛfa yi? Fomfa nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nnoɔma na woafom asadeɛ bebree yi?


Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem, na baanu ama mpemdu adwane?


Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.


Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.


Na ɔkaa sɛ: Korɔ na me ne wo bɛkorɔ, nanso ɔkwan a worekorɔ yi so animuonyam renyɛ wo ara wo deɛ, na ɔbaa bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan