Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yoel 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Hwɛ, merenyane wɔn na wɔafiri deɛ motontɔn wɔn kɔeɛ hɔ, na mede deɛ moayɛ bɛsane abua mo atifi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Hwɛ, merenyane wɔn na wɔafiri deɛ motontɔn wɔn kɔeɛ hɔ, na mede deɛ moayɛ bɛsane abua mo atifi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Hwɛ, merenyan wɔn na wɔafi nea motontɔn wɔn kɔe hɔ, na mede nea moayɛ mɛsan mabua mo atifi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yoel 3:7
24 Iomraidhean Croise  

Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.


Na wama frankaa so ama amanaman, na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no afiri asase ntwea nnan so abɛhyia.


Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba, na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam, na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.


Montie oo, ɛnne bi firi kuro no mu! Ɛnne bi firi asɔrefie! AWURADE a ɔtua n’atamfo nneyɛɛ so ka no nne!


na mmom: Sɛ AWURADE a ɔkɔyii Israel fie asefoɔ firii atifi fam asase ne nsase a mepamm wɔn kɔɔ soɔ no nyinaa so baeɛ no te aseɛ yi! Na wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.


Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu.


Ɛno nti wɔn a wɔtete wo mu nyinaa, wɔbɛte wɔn mu, na wɔn a wɔhiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wɔtwa wo dwo no, wɔbɛtwa wɔn dwo, na wɔn a wɔfom wo fa nyinaa, mɛma wɔafom wɔn afa.


Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba, na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn; wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye, apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi; asafo yuu na wɔbɛsane aba.


Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afiri nsase a m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne anibereɛ kɛseɛ mu mesunsumm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asane aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo,


Na mɛfa mo afiri amanaman no mu, na maboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so, na mede mo asane aba mo asase so.


Nna pii akyiri no, wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfeɛ a ɛdi akyire no mu no, wobɛba asase a wɔadane ɛsofoɔ afiri nkrantɛ ano de wɔn abɛsi hɔ na wɔaboa wɔn ano afiri aman bebree mu no so, Israel mmepɔ a ɛdedaa mpan daa no so; na afei wɔayi ɔman no afiri aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.


Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.


Na makom Yuda sɛ tadua mafa, mede Efraim mahyɛ mu, na makanyan wo mmabanin, Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela, na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afena.


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


Ɛfiri sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka,


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrantɛ kum a, ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no. Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ.


na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, na woama wɔn mogya anom, wɔfata saa.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.


Na Samuel se: Sɛ wo nkrantɛ maa mmaa dii mmasugya no, saa ara nso na wo na bɛdi basugya mmaa mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan