Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yoel 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinneɛ a ɛsɔ ani a ɛyɛ no kɔɔ mo asɔrefie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinneɛ a ɛsɔ ani a ɛyɛ no kɔɔ mo asɔrefie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinne a ɛsɔ ani a eye no kokɔɔ mo asɔrefi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yoel 3:5
15 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yudahene Yehoas faa akronkronneɛ nyinaa a n’agyanom Yuda ahemfo Yehosafat, Yehoram ne Ahasia yɛɛ no kronkron no ne n’akronkronneɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu nyinaa, na ɔsoma maa wɔde kɔmaa Siriahene Hasael; ɛnna ɔfirii Yerusalem hɔ kɔeɛ.


Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no soma maa wɔde kɔmaa Asiriahene sɛ ayɛyɛdeɛ.


Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Ɛno nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israel firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi,


Wɔte adwanefoɔ ne wɔn a wɔafiri mu afiri Babel asase soɔ nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefie ho aweretɔ wɔ Sion hɔ.


Monse agyan, monsɔ akyɛm mu! AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.


Enti hyɛ nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebuebue mo adamena ano na mayi mo, me man, afiri mo adamena mu, na mede mo akɔ Israel asase so,


Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni.


Na Sion bepɔ so deɛ, mfirimufoɔ bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fie bɛsane afa wɔn agyapadeɛ adi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan