Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yoel 3:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na mɛtɔ wɔn mogya so were a mentɔeɛ no, na AWURADE bɛtena Sion ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na mɛtɔ wɔn mogya so were a mentɔɔɛ no, na AWURADE bɛtena Sion ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana? Mɛtɔ kɛ.” Awurade te Sion!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no, mede bɛkyɛ. Na me Awurade, mɛtena Sion!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na mɛtɔ wɔn mogya so were, nea mentɔe no, na AWURADE bɛtena Sion ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yoel 3:21
8 Iomraidhean Croise  

da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


Na mɛgye mo afiri mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduane ama no adɔɔso, na meremma ɛkɔm biara mma mo so.


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Na mobɛhunu sɛ me na mewɔ Israel mu, na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ bio, na me man ani renwu da biara da.


Na mobɛhunu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔ kronkron no so, na Yerusalem bɛdane kronkronbea, na ananafoɔ rentwa mu hɔ bio.


Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.


Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan