Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yoel 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Momfa mo nsɔ mmobɔ mfena, na momfa mo nnerɛ mmobɔ mpea. Deɛ wahodwo nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Momfa mo nsɔ mmobɔ mfena, na momfa mo nnerɛ mmobɔ mpea. Deɛ wahodwo nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa, na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw. Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se, “mewɔ ahoɔden!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena, na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea. Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ, “mewɔ ahoɔden!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Momfa mo nsɔw mmobɔ mfoa, na momfa mo nnare mmobɔ mpeaw. Nea wagurow nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yoel 3:10
7 Iomraidhean Croise  

nanso sɛ wosusu sɛ woyɛ saa a na wobɛnya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe aseɛ.


Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio.


Monse agyan, monsɔ akyɛm mu! AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.


Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.


Ɛda no, AWURADE bɛwowa Yerusalemfoɔ, na wɔn mu deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ɛda no ɔbɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ AWURADE bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.


Na Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔsee no sɛ: Ɔbaa wɔasane wo afiri w’ahoɔmmerɛ mu.


Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika kotokuo no, ma no mfa, ne akwantuo bɔtɔ saa ara; na deɛ ɔnni bie no, ma no ntɔn ne ntoma mfa ntɔ nkrantɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan