Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yoel 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔhurihuri sɛ nteaseɛnam kitikitiyɛ mmepɔ atifi, sɛ ogyaframa a ɛhye nkyɛnkyɛmma turiturie, sɛ ɛdɔm a ɛyɛ den a wɔasiesie wɔn ama ɔko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wɔhurihuri sɛ nteaseɛnam kitikitiyɛ mmepɔ atifi, sɛ ogyaframa a ɛhye nkyɛnkyɛmma turiturie, sɛ ɛdɔm a ɛyɛ den a wɔasiesie wɔn ama ɔko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wotu fa mmepɔw atifi, wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee wɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wɔtu fa mmepɔ atifi, wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ, wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 wohuruhuruw sɛ nteaseɛnam kitikitiyɛ mmepɔw atifi, sɛ ogyaframa a ɛhyew sakran turuturuw, sɛ dɔm a ɛyɛ den a wɔasiesie wɔn ama ɔko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yoel 2:5
9 Iomraidhean Croise  

Wo na woma no huri sɛ ntutummɛ? Ne home foofoo denyɛ yɛ hu.


Ɛnna ɔman no bɔ petee Misraim asase nyinaa so kɔboaboaa ayuo ntwakaeɛ ano de yɛɛ ɛserɛ mehemehe no.


Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.


Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara, na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.


Wɔkurakura tadua ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wɔnhunu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofoɔ, atu wo, Babel babaa, so sa.


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


Na wɔwowɔ nkataboɔ te sɛ dadeɛ nkataboɔ, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam deɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan