Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yoel 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Obobe akusa, na borɔdɔma atwam, atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ. Petee mu nnua nyinaa akusa, ampa, anika atu afiri nnipa mma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Obobe akusa, na borɔdɔma atwam, atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ. Petee mu nnua nyinaa akusa, ampa, anika atu afiri nnipa mma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Bobe no akisa na borɔdɔma nnua no awuwu. Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew. Nokware, anigye a nnipa wɔ no atu ayera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Bobe no akusa na borɔdɔma nnua no awuwu. Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye. Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no atu ayera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Obobe akisa, na borɔdɔma atwam, atea aba, abɛ nso ne akutuguaa; petee mu nnua nyinaa akisa, ampa, anika atu afi nnipa mma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yoel 1:12
19 Iomraidhean Croise  

Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.


Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ, ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro.


Me dɔfoɔ da mmeranteɛ ntam sɛ aprɛ a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam, mede anigyeɛ kɛseɛ tenaa ne nwunu ase, na n’aba yɛ me dodom dɛ.


Wo mman yɛ atoaa aba ne nnuaba a ɛwɔ boɔ turo, ahuahaa ne nnuannua ahodoɔ,


na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri mfuo papa mu, na wɔnte ahurisie dwom anaa nteateam wɔ bobe nturo mu, nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa, atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.


Wɔsu bobesa ho kɔm mmorɔno so, anigyeɛ nyinaa agu, asase so ahurisidie atu kɔ.


Nsamono twa adwo, bobe ayɛ mmerɛ; wɔn a wɔn akoma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;


Woama ɔman no adɔre, woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ, wɔn ani gye w’anim sɛ twaberɛ mu anigyeɛ, sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie.


Tie! Esu nne a ɛfiri Horonaim, ɔsɛeɛ ne amamfo kɛseɛ.


na wɔahwam anigyeɛ ne ahurisidie afiri mfu pa wɔ Moab asase so, na matwa nsa to afiri nsa-kyi-amena mu. Wɔrenyɛ nsa mmɔ nnye so. Wɔbɛbo agye so a ɛnyɛ anigyeɛ mmɔgyesoɔ.


Mfuo asɛe, asase di abooboo, na aduane asɛe, nsamono awe, ngo so ate.


Wɔantwa aduane amfiri yɛn anim, na anigyeɛ ne ahosɛpɛ amfiri yɛn Nyankopɔn fie anaa?


Na adeɛ kyeeɛ a owia reba abɛpue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi maa no fitii adedenkruma no mu maa no poe.


Na aba bi da so wɔ ɛsan so? Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua ɛso anaa? Ɛda yi na mɛfiri aseɛ mahyira mo.


Na mɛsi odidifoɔ no kwan mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuo mu bobe aba ammɔ mo, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na wɔduruu Eskol bonhwa mu, na wɔtwaa obobe mman ne bobe esia baako wɔ soɔ wɔ hɔ; na nnipa baanu wuraa no dua, ne atoaa aba bi ne borɔdɔma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan