Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 9:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 na ɔman mu no nyinaa bɛhunu, Efraim ne Samariafoɔ a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na ɔman mu no nyinaa bɛhunu, Efraim ne Samariafoɔ a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nnipa no nyinaa behu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomaso koma kasa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nnipa no nyinaa bɛhunu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomasoɔ akoma kasa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 sɛ ɔman mu no nyinaa nhu, Efraim ne Samariafo a wɔde ahantan ne ahomaso ka sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 9:9
23 Iomraidhean Croise  

Na Mikaia se: Hwɛ, da a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta no na wobɛhunu.


Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan.


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.


Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.


Na wɔbɛtiatia Efraim nsabofoɔ ahantan abotire no so,


Montie me, asobrakyefoɔ a mo ne tenenee ntam twe.


Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa;


Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.


AWURADE de asɛm bi akra Yakob, na ɛbɛtɔ Israel so,


Hwɛ, epie no reduru kuro no ho sɛ wɔrebɛgyeɛ, na wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no reko no nsa, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na nsɛm a wokaeɛ no aba mu, na hwɛ, wohunu.


Sei na mɛyɛ atemmudeɛ wɔ Misraim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na ɛnya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi atena wɔn mu pɛn.


Ɔhene di abooboo, na ɔberempɔn fira ahodwirie, na asase no so aman aba mu abu. Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na m’ani rennodo wo ho, na merenhunu wo mmɔbɔ; w’akwan ho ntea na mede bɛma woɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.


Na Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ, na wɔasisi aban fɛfɛ, na Yuda ama nkuro a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kuro mu gya, na ahye n’aban a ɛkorɔn no.


Sɛ Edom ka sɛ: Wɔapɛkyɛ yɛn, nanso yɛbɛsane akɔ akɔsisi agoago no a, sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔn deɛ, wɔbɛsisi, na me nso, mɛdwiri, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hyeɛ, ne: Ɔman a AWURADE afa wɔn abufuo de rekɔsi daa.


Mo nsɛm yɛ me so den, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn na yɛka tia woɔ?


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan