Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 9:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔn adesoa dua ne wɔn akyiri abaa ne wɔn kafoɔpoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔn adesoa dua ne wɔn akyiri abaa ne wɔn kafoɔpoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Te sɛ da a Midian dii nkogu no, woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no, abaa a ɛda wɔn mmati, wɔn nhyɛsofo pema.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no, saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no; saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma a ɛda wɔn mmatire so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔn adesoa dua ne wɔn mmati akyi abaa ne wɔn kafopoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 9:4
24 Iomraidhean Croise  

Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a, wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.


Na bɔne ahempoma rentena ateneneefoɔ kyɛfa so, na ateneneefoɔ antene wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu.


Meyii ne mmatiri firii adesoa ase, ne ne nsa firii kɛntɛn ho;


Enti AWURADE, asafo AWURADE no, bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu, na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,


A, Asiria, m’abufuo abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!


sɛ mɛbubu Asiriafoɔ m’asase so, na matiatia ne so, me mmepɔ so, na ne kɔnnua no bɛfiri wɔn so akɔ, na n’adesoa no afiri wɔn mmatiri so.


ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no nsoɛ wo nkyɛn, yɛ wɔn huntabea, ɔsɛefoɔ no anim! na ɔpoobɔfoɔ agyae, ɔsɛeɛ to atwa, nhyɛsofoɔ asa asase no so.


Me bo fuu me man, meguu m’agyapadeɛ ho fi, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn, nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ duru dodo;


Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.


Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?


Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu! O Yerusalem a wɔafa wo dommum; Sion babaa a wɔafa wo dommum, sanesane wo kɔn mu nkyehoma!


Tenenee mu na w’ase bɛtim; wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro, na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.


Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no, wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya.


Na ɛbɛba sɛ ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, mɛbubu ne kɔnnua afiri wo kɔn mu, na matete wo nkyehoma, na ananafoɔ renni no nya bio.


Monnyam no, mo a motete ne ho nyinaa ne mo a monim ne din nyinaa. Monka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na dua a ɛyɛ den, poma fɛfɛ no abuo yi?


Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mebubuu mo kɔnnua na memaa monantee kyirebenn no.


na afei mɛbubu Ninewe kɔnnua afiri wo so, na matete wo nkyehoma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan