Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 9:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Siriafoɔ wɔ apueeɛ, na Filistifoɔ wɔ atɔeɛ, na wɔbɛtrɛ wɔn anomu amene Israel. Yei nyinaa mu no, n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Siriafoɔ wɔ apueeɛ, na Filistifoɔ wɔ atɔeɛ, na wɔbɛtrɛ wɔn anomu amene Israel. Yei nyinaa mu no, n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Aramfo a wofi apuei fam, Filistifo a wofi atɔe fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam, Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ na ne nsa da so wɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Siriafo wɔ apuei, na Filistifo wɔ atɔe, na wɔbɛtɛɛ wɔn anom amene Israel. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 9:12
25 Iomraidhean Croise  

Ɛberɛ no mu ara na Siriahene Resin gyee Elat sane maa Siria, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat, na Edomfoɔ baa Elat bɛtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.


Na Filistifoɔ nso abɛgu mpaperɛ so ne Yuda anafoɔ fam nkuro so, na wɔagye Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ.


na wɔamene Yakob, na wɔahye ne tenabea ase.


Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra. Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam, na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa; Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so, na Amon mma atie wɔn.


Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Yei nti AWURADE bo fuu ne man, na ɔtenee ne nsa tiaa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn, na ɛmaa mmepɔ wosoeɛ, na wɔn afunu yɛɛ sɛ mmorɔno so wira dodoɔ. Yei nyinaa mu no n’abufuo no nnyaee, na ne nsa mu atene ara.


Enti AWURADE rennya wɔn mmeranteɛ ho anigyeɛ, na ne yam renhyehye no wɔn nwisiaa ne wɔn akunafoɔ ho; na wɔn nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a nyamesuro nni wɔn mu, na ano nyinaa ka agyegyentwisɛm. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Ma w’abufuhyeɛ ngu amanaman a wɔnnim woɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔmmɔ wo din no so, ɛfiri sɛ wɔatete Yakob mu, wɔatete ne mu amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.


Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so, asase no mmoboano, makunkum wɔn mma, masɛe me man a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no.


Na Babelhene Nebukadnessar tu baa asase yi soɔ no, yɛkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfiri Kaldeafoɔ dɔm ne Siriafoɔ dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem.


Yei nti momfira ayitoma, montwa agyaadwo na mommɔ bena denden, ɛfiri sɛ AWURADE abufuhyeɛ no nnane mfirii yɛn so!


Na hwɛ, wo so na metenee me nsa, na metee w’aduane a mehyɛeɛ soɔ, na meyii wo mae sɛ w’atamfo, Filistifoɔ mmammaa a wɔn ani wuu w’ahohwibɔ ho no pɛ no.


Na mɛtene me nsa atia wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ asene Ribla serɛ so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na Israel ahantan di n’anim adanseɛ, na wɔnsane mma AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnhwehwɛ no yei nyinaa mu.


Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim deɛ no baa mo mu, mede afena mekunkumm mo mmeranteɛ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum, na memaa mo nsraban mu kankan sɔre hyɛnee mo hwene mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Mebutuu mo mu binom sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkuro nyinaa mu na modii aduanekɔm, mo tenabea nyinaa mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na nkuro mmienu anaa mmiɛnsa kyinkyini kɔɔ kuro baako so kɔnom nsuo, nanso wɔammee; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Memaa ɔhoɔ ne ɔpoɔ baa mo so; mo nturo ne mo bobe nturo ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodoɔ no, ntutummɛ wee; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


ne wɔn a wɔsane firi AWURADE akyi ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ AWURADE na wɔmmisaa n’akyiri kwan no.


Wantie AWURADE asɛm, wannye nkyerɛkyerɛ, wamfa ne ho anto AWURADE so, wammɛn ne Nyankopɔn.


Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan