Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 8:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 hwɛ, AWURADE de asubɔnten no mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiriahene ne n’animuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri akata ne nsunoa nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 hwɛ, AWURADE de asubɔnten no mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiriahene ne n’animuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri akata ne nsunoa nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade reyɛ de Asubɔnten no yiri kɛse no atia wɔn, Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. Ebeyiri afa nʼabon nyinaa mu, na abu afa ne konkɔn so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade reyɛ de Asubɔnten no yire kɛseɛ no atia wɔn, Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu, na abu afa ne nkonkɔn so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 hwɛ, Awurade de asubɔnten no mu nsu a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asaria hene ne n’anuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri asram ne kɔn so nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 8:7
38 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


Enti sɛ AWURADE se Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre pie ntia no.


ne aman a aka no mu a Osnapar kɛseɛ a ɔwɔ din no kɔfaa wɔn baeɛ, na ɔde wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu, ne nkaeɛ a wɔwɔ asuogya ha fam no, ne ade.


Asuo bi, ne mmɔmu ma Nyankopɔn kuro ani gye, ɔsorosoroni tenabea kronkron no.


Ɔbɛdi hene afiri po so akɔsi po so, de afiri asubɔnten no so akɔsi asase ano.


Enti AWURADE, asafo AWURADE no, bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu, na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,


A, Asiria, m’abufuo abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!


Na AWURADE bɛwe Misraim po mu nsuo korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehyeɛ bɛwoso ne nsa akyerɛ Asuo Eufrate so, na wabɔ no ama no adane nsuwansuwa nson a wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.


Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma, na mede tenenee mayɛ nsania, na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no, na huntabea no nso, nsuo bɛsram so;


Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi, sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no.


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ, ne n’animuonyam afiri owia puebea, na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.


AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi berɛ a Efraim te firii Yuda ho no: Ɛne Asiriahene.


Ɛda no ara na AWURADE de yiwan a wɔabɔ no paa Asuogya hɔnom a ɛne Asiriahene, no bɛyi etire ne nan ho nwi, na ayi bɔgyesɛ nso.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam na ayɛ asuo a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ, kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ. Na nnipa bɛteateam, na asase no sofoɔ abɔ abubuo,


Ɛpo abɛsram Babel so, n’asorɔkyeɛ huuyɛ akata so.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ meyɛ wo nkurofo sɛ nkuro a wɔntena mu bio, sɛ mede ebunu meba wo so ma nsuo kɛseɛ bebree wo so a,


Na ne mma bɛdi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛseɛ asafo yuu ano, na ɔbaako bɛba sɛ nsuo a ayiri asram so, na ɔbɛsane adi ako akɔduru n’abankɛseɛ ho.


Na wɔde abasa a ɛte sɛ nsuyire bɛpia wɔn akɔ na wɔabubu wɔn ne apam berempɔn no nso wɔ n’anim.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Yei nti asase renwoso na ɛsofoɔ nyinaa renni abooboo anaa? Na asase mu nyinaa bɛpuhu sɛ Asubɔnten Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asuo no.


Na AWURADE, asafo AWURADE ne deɛ ɔka asase ma no nane na ɛsofoɔ nyinaa di abooboo, na ne mu no nyinaa puhu sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asuo no.


Na n’apirakuro no aporɔ. Na abɛduru Yuda, abɛso me man pono ano, aduru Yerusalem.


Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.


Na oyi bɛyɛ asomdwoeɛ. Sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yɛbɛsisi ahwɛfoɔ baason, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.


Na n’atamfo deɛ ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera, na wati wɔn akɔduru esum mu.


Ɔte sɛ onipa a ɔtoo aban, na ɔtutu maa no dɔeɛ, na ɔtoo fapem ɔbotan soɔ; na nsuo yiriiɛ no, ɛbɔ faa aban no ho, na antumi anwoso no, ɛfiri sɛ wɔtoo no yie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan