Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 8:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na abarimaa no nnya nhuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asade adi Asaria hene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 8:4
16 Iomraidhean Croise  

Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.


Na Asiriahene tiee no, na Asiriahene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na ɔtuu wɔn kɔduaa Kir, na ɔkum Resin.


Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no.


Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.


Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden ne Damasko ahennie, na Siria nkaeɛ bɛyɛ sɛ Israelfoɔ animuonyam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


na n’ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ sradeɛ bonhwa atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a teɛberɛ nnya nnurui a obiara a ɔhu no nsa ka ara pɛ, a ɔdi.


Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ me bio sɛ:


Sɛ AWURADE seɛ nie: Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ dwerɛɛ Gilead nti.


Na mɛbubu Damasko pono akyiri adaban, na matwa wɔn a wɔte Awen bonhwa mu afiri hɔ, ne ɔhempomakurani no afiri Bet-eden; na wɔbɛtu Siria man akɔ Kir, AWURADE na ɔseɛ.


Na me deɛ, Ninewe kuro kɛseɛ a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wɔnnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no deɛ renyɛ me ya anaa?


na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tiri mu a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,


Na mo mma nketewa a mose wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wɔnnim papa ne bɔne no, wɔn na wɔbɛduru hɔ, wɔn na mede bɛma wɔn na wɔn na wɔbɛdi soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan