Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina, efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Muntu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, na Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 8:10
40 Iomraidhean Croise  

Na berɛ no mu no, Abimelek ne ne safohene Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w’akyi wɔ biribiara a woyɛ mu.


Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatuo nnane nkwaseasɛm.


Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


Na asɛm no tɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa aso mu.


Na ne nkoa no mu baako kaa sɛ: Me wura Ɔhene, ɛnte saa, na mmom Odiyifoɔ Elisa a ɔwɔ Israel no na ɔka nsɛm a woka no wo dabekyire no kyerɛ Israel hene.


Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho, di kan, ne n’asɔfoɔ a wɔhyɛne osebɔ ntotorobɛnto, sɛ wɔde bɛfrɛ ɔko atia mo. Israel mma, mo ne AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no nnko, na ɛrensi mo yie.


Ɔsɛe anitefoɔ atirimpɔ, na wɔn nsa antumi anyɛ adepa biara.


Na wobɛma wɔasane wɔn akyi, wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim.


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Mommra mmɛhwɛ AWURADE nnwuma, ɔsɛeɛ ko a wama no aba asase soɔ.


Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛne AWURADE bɛdi asie.


Na asafo AWURADE abɔ ne tirim, hwan na ɔbɛma no ayɛ ɔkwa? Na ne nsa atene, hwan na ɔbɛsianka no?


na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam, na mo ne Asamando nkasasie no rennyina; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛbɛtiatia mo so;


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Nsuro, na me na me ne wo wɔ hɔ. Mede w’asefoɔ bɛfiri apueeɛ aba, na mafiri atɔeɛ maboa wo ano;


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


na ɛbɛsene afa Yuda mu ayiri akɔduru kɔn mu, na ne ntaban mu trɛ aduru w’asase ano, O Imanuel.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Monnsuro Babel hene a mosuro no yi, monnsuro no, AWURADE asɛm nie, na me na medi mo akyiri sɛ mɛgye mo nkwa na mayi mo afiri ne nsam;


Wo, m’akoa Yakob, nsuro, AWURADE asɛm nie, na medi w’akyi, na mɛma amanaman a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie saa, na wo deɛ, merenwie wo. Na mɛtea wo sɛdeɛ ɛfata, na bem deɛ, meremma wonni.


Hwan na ɔka na ɛba mu, berɛ a AWURADE nhyɛeɛ?


Mompae yei amanaman mu, monnwira ɔsa ho, monnyane nnɔmmarima, akofoɔ nyinaa ntwe mpini, wɔmforo mmra.


Ɛnna Hagai, AWURADE bɔfoɔ no, bɔɔ AWURADE kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Medi mo akyi, AWURADE asɛm nie.


AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn.


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na sɛ mote ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Sɛ woretu sa ne w’atamfo akɔko na wohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo firi Misraim asase so baeɛ no ka wo ho.


Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.


Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan