Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 7:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Efraim tiri ne Samaria, na Samaria tiri ne Remalia ba no: Sɛ morennye nni a, nokorɛ morennyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Efraim tiri ne Samaria, na Samaria tiri ne Remalia ba no: Sɛ morennye nni a, nokorɛ morennyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Efraim ti ne Samaria Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidi mu a, worennyina koraa.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Efraim tiri ne Samaria Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidie mu a, worennyina koraa.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Efraim ti ne Samaria, na Samaria ti ne Remalia ba no. Sɛ moannyina mo gyidi mu yiye a, mobɛhwe ase koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 7:9
18 Iomraidhean Croise  

Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mmienu mu na Remalia ba Peka bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ aduonu.


Na wɔsɔree anɔpatutu, na wɔfirii adi kɔɔ Tekoa serɛ so. Na wɔrefiri adie no, Yehosafat gyinae na ɔkaa sɛ: Yuda ne Yerusalemfoɔ, montie me. Monnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mobɛtim, na monnye n’adiyifoɔ no nni, na mobɛdi yie.


Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.


Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara, na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.


Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ:


na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti.


Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.


na ɔman mu no nyinaa bɛhunu, Efraim ne Samariafoɔ a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ:


Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atorosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔyɛ hɔ ahɔhoɔ!


Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?


Nanso asraafoɔ ɔha so panin no gyee suhyɛn kwankyerɛfoɔ ne suhyɛn wura no diiɛ kyɛnee deɛ Paulo kaeɛ no.


Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na megye Onyankopɔn medi sɛ ɛbɛyɛ hɔ sɛdeɛ wɔaka akyerɛ me no;


Wiɛ, gyeɛ a wɔannye annie nti na ɛbubuiɛ, na wo deɛ, wode gyidie na ɛgyina hɔ. Nnwene akokurokosɛm, na mmom suro!


Na sɛ gyidie nni mu a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ deɛ ɔba Nyankopɔn nkyɛn no sɛ, ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyiri kwan no katuafoɔ.


Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no wɔ adanseɛ, ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba ho no anni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan