Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 7:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ka kyerɛ no se, ‘Hwɛ yiye, yɛ komm na nsuro. Mma wo koma ntu wɔ saa nnyentia abien a ɛrefi wusiw yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuwhyew no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yiye, na yɛ komm, nsuro, na mmma wo koma nntu, nnyentia abien a efi wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyew no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 7:4
25 Iomraidhean Croise  

Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mmienu mu na Remalia ba Peka bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ aduonu.


Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛko yei mu, gyina nko ara na monkɔgyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagyeɛ. Yuda ne Yerusalem, monnsuro na mo akoma nntu, ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na AWURADE bɛdi mo akyi.


Ne saa nti, sɛdeɛ asafo AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me man a wɔte Sion, monnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe woɔ, na ne poma na ɔbɛma so wo soɔ, sɛ Misraim deɛ no;


Na sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn, Israel Kronkronni no seɛ nie: Ɔsaneba ne ɔhome mu na wɔbɛgye mo nkwa, kommyɛ ne anidasoɔ mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene;


Ɛfiri sɛ Misraim mmoa yɛ adehuhuo ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab.


monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa!


na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura nie: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Nsuro nsɛm a woteeɛ a Asiriahene nkoa de abɛya me no.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.


Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no.


na Siria tiri ne Damasko, na Damasko tiri ne Resin. (Na ɛha mfirinhyia aduosia nnum no, wɔbɛsɛe Efraim na anyɛ ɔman bio.)


Efraim tiri ne Samaria, na Samaria tiri ne Remalia ba no: Sɛ morennye nni a, nokorɛ morennyina.


Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.


Ɛsiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsuo a ɛsene brɛɛ animtia na wɔn ho sane wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,


Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm twɛn AWURADE nkwagyeɛ;


Mebutuu mo mu binom sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na adehunu no da so kyerɛ berɛ a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba mu, na ɛyɛ nokorɛ nso. Sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a, twɛn no ara, na ba deɛ, ɛbɛba, ɛrenka akyi.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?


Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.


Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo akoma antu, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.


na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfoɔ akɔko, mommma mo akoma nntu, monnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,


Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara akomatuo; w’akoa bɛkɔ akɔne Filistini yi ako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan