Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 7:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na wɔka kyerɛɛ Dawidfi se, “Aram ne Efraim ayɛ apam;” Enti Ahas ne ne nkurɔfo ho wosow sɛnea kwaennua wosow wɔ mframa ano no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie sɛ, “Aram ne Efraim ayɛ apam.” Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso wɔ mframa ano no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fi sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Ɛnna ne koma ne ne man koma wosowee sɛ kwae mu nnua wosow mframa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 7:2
28 Iomraidhean Croise  

Na wo fie ne w’ahennie bɛtim akɔsi daa wɔ m’anim, w’ahennwa bɛtim pintinn akɔsi daa.


Na m’akoa Dawid ne kuro Yerusalem a mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no nti, abusuakuo baako na ɛbɛyɛ ne deɛ;


Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu, monkɔ mo afie mu, Israel, afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie.


Na ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia no sɛ: Afɔrebukyia, afɔrebukyia, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fie a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔhye wo so aduhwam bɛbɔ afɔdeɛ, na wahye nnipa nnompe wɔ wo so.


Na Amasia paee no asafo a wɔfiri Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkɔ wɔn tenabea; na wɔn bo fuu Yuda sɛ, na wɔde abufuhyeɛ sane kɔɔ wɔn tenabea.


Ɛnna Efraimfoɔ atitire mu binom, Yohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia ne Salum ba Yehiskia ne Hadlai ba Amasa sɔresɔre tiaa wɔn a wɔfiri sa baeɛ no,


AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.


Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.


Na Efraim anibereɛ bɛfiri akɔ, na Yuda ahohiahiafoɔ ase ahye. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.


Na mede Dawid fie safoa mɛma no, na wahini, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhini.


na emufoɔ a wɔahodwo no ho adwiri wɔn, na wɔn ani awu na wɔadanedane sɛ mfofowa so nhahan ne wira mono, adan atifi wira ne ayuo a ɛnnya mmaa ne ho soɔ na adwan.


Na mɛwa kuro yi agye no, me ara ne m’akoa Dawid ntira.


Na sɛ ɛka abupɛn du mu baako wɔ mu mpo a, wɔbɛsane ahye wɔn, sɛ odum anaa dupɔn a wɔato ahwe fam, nanso ne sini da so ara si hɔ berɛ a wɔatwa. Na n’aba kronkron no ne dunsini no.


Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso?


AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi berɛ a Efraim te firii Yuda ho no: Ɛne Asiriahene.


Ɛsiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ:


Mommfrɛ adeɛ a ɔman no frɛ no etiresopam no nyinaa sɛ etiresopam, na deɛ wɔsuro nso monnsuro, na mo akoma nntu.


na ɔman mu no nyinaa bɛhunu, Efraim ne Samariafoɔ a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ:


Dawid fie, sɛ AWURADE seɛ nie: Monni asɛntenenee anɔpa, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na m’abufuhyeɛ amfiri sɛ ogya ammɛhye a obi rennum, mo nneyɛɛ bɔne nti.


Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.


Na Ɔhene Herode teeɛ no, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tui;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan