Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 64:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Woyɛɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a na yɛnhwɛɛ; anim no, wosiane sii fam na mmepɔ wosoo w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Woyɛɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a na yɛnhwɛɛ; anim no, wosiane sii fam na mmepɔ wosoo w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no, wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wɔ wʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no, wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu a yɛn ani anna so, wusian sii fam, na mmepɔw wosowee w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 64:3
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase soɔ a ɛte sɛ wo man Israel, wɔn a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ne man na ɔde agye din, na wayɛ nnoɔma akɛseakɛse a ɛyɛ hu ama wɔn, ɛberɛ a wogyee wo man firii Misraim maa wo ho, wɔ amanaman ne wɔn anyame nsam no anim?


ɔyɛɛ anwanwadeɛ Ham asase so, ne ahudeɛ, Mmɛwa Po ho no.


Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo.


Mommra mmɛhwɛ Nyankopɔn nneyɛɛ, n’adeɛ a ɔyɛ de di nnipa mma soɔ yɛ hu.


asase wosoe, ɔsoro nso sosɔɔ nsuo Nyankopɔn anim, Sinai yi ara wosoe Onyankopɔn, aane, Israel Nyankopɔn, anim.


Ɔhu atumfoɔ home gu, ne ho yɛ asase so ahemfo hu.


Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, me deɛ, merepam apam: Wo man no nyinaa anim na mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da asase nyinaa soɔ ne amanaman nyinaa mu, na ɔman a wowɔ wɔn mu no nyinaa ahunu AWURADE nnwuma, na adeɛ a merebɛyɛ woɔ no bɛyɛ hu.


Yei nti AWURADE bo fuu ne man, na ɔtenee ne nsa tiaa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn, na ɛmaa mmepɔ wosoeɛ, na wɔn afunu yɛɛ sɛ mmorɔno so wira dodoɔ. Yei nyinaa mu no n’abufuo no nnyaee, na ne nsa mu atene ara.


O, sɛ wosunsuane ɔsoro mu siane na mmepɔ woso w’anim ɛ!


Onyankopɔn firi Teman ba, na ɔkronkronni no firi Paran bepɔ so. Sela N’animuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyie yɛ asase so ma.


Ɔgyina hɔ na ɔwoso asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔ dwiri, tete nkokoɔ brɛ ase, n’akwan te sɛ tete deɛ no.


Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan