Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 6:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri, na amamfo adɔɔso wɔ asase no soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri, na amamfo adɔɔso wɔ asase no soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 enkosi sɛ, Awurade bɛpam obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri, na amamfo adɔɔso wɔ asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 6:12
15 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne wɔn a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn, ne nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn kɔe.


Na Babel hene bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wɔtuu Yuda firii wɔn asase soɔ.


mɛma ɔdasani ho ayɛ na asene sika amapa, na onipa asene Ofir sika kɔkɔɔ.


O AWURADE, woama ɔman no adɔre, woama ɔman no adɔre, w’anim aba nyam, woatrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.


Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdane fituo, adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu;


Magya me fie, mato m’agyapadeɛ agu; mede me kra dɔfoɔ mahyɛ n’atamfo nsa.


Na mɛma wɔadwane wɔn ho, asase so ahennie nyinaa mu, Yudahene Manase a ɔyɛ Hesekia ba, ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Yerusalem no nti.


Apɔnkɔfoɔ ne agyantofoɔ kitikitiyɛ nti kuro no nyinaa dwane. Wɔhyɛnehyɛne adɔtɔ mu, na wɔforo abotan. Nkuro nyinaa adeda mpan, na obiara nte mu bio.


Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no. Saa na wɔtuu Yuda firii n’asase so kɔeɛ.


Ɛdeɛn nti na wo werɛ firi yɛn ma no kyɛre saa, na woagya yɛn dadadada yi?


Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne suntidua ɛne abɔnefoɔ, na matwitwa nnipa afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie.


Na sɛ wɔn toɔ a wɔtoo wɔn tweneeɛ no yɛ wiase mpata a, ɛdeɛn na wɔn gyeɛ no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a ɛfiri owuo mu anaa?


Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan