Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 53:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa, na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa; na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa, na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa; na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhow, nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ, nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ampa, yɛn mmerɛwyɛ no, ɔno na wafa, na yɛn nyarewa nso, wasoa. Na yɛn de, yebuu no sɛ nea wɔahwe no, nea Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amane mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 53:4
19 Iomraidhean Croise  

Ɛfiri sɛ wɔtaa deɛ wo ara woabɔ no no, na wɔka wɔn a woapira wɔn no yea kyerɛ.


Ma amumuyɛ mmɔ wɔn amumuyɛ so, na mma wɔmmma wo tenenee mu.


Madane me nuanom mu ɔhɔhoɔ, mayɛ me na mma mu ɔnanani.


Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.


Na ɔpapo a Asasel tonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wɔnkɔgya no nkɔ serɛ so mma Asasel.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fitii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no pa ara.


Na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa.


Yudafoɔ no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.


ɔno na yɛn mfomsoɔ nti wɔyii no maeɛ, na yɛn bembuo nti, wɔnyanee no.


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan