Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 53:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onyin wɔ nʼanim te sɛ dua amono ketewa bi, te sɛ ntin a efi asase wosee mu. Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi, te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu. Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ofifii sɛ duforo n’anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no, na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 53:2
22 Iomraidhean Croise  

Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba.


Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.


Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no, ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti,


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma tenenee Duban bi so mama Dawid, na ɔbɛdi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntenenee ayɛ ade tenenee asase no so.


Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.


Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.


Na ɔsee wɔn sɛ: Elia ba ansa, na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa mmom deɛ, na deɛ wɔatwerɛ no Onipa Ba no ho sɛ ɔbɛhunu amane pii, na wɔabu no animtia no ɛ?


na ɔwoo n’abakan barima, na ɔde ntoma kyekyeree no, na ɔde no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ wɔannya kwan ahɔhodan no mu.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo; na Onipa Ba no deɛ, ɔnni deɛ ɔde ne tiri toɔ.


Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ.


Ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no nie!


Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu


amradofoɔ a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfoɔ asotwe ne papayɛfoɔ ayeyie ho oo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan