Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ osu angu so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ nsuo angu so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 mɛma adan ntuw, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔw mu, na afuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osu sɛ ɛnntɔ nngu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 5:6
32 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Sɛ wɔto ɔsoro mu na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase nti a,


ɛnneɛ ma nkasɛɛ mmɛsi ayuo ananmu mfifi, na nnɛnkyɛnse mmɛsi atokoɔ ananmu. Hiob nsɛm no asi.


na hwɛ, na ne nyinaa afu nsansono, na ahyehyewonsa akata ani, na ɛho aboɔ fasuo abubu agu.


Deɛ aka kuro mu ne ɔsɛeɛ, wɔabubu kuro apono pasaa.


Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;


Afe ne akyire nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abateɛ to bɛtwa, nnuaba anoboa remma bio.


Na w’amamfo ne wo nkuro a asɛeɛ ne w’afasusini asase no, afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena soɔ no rensene, na wɔn a wɔmene woɔ akɔ akyirikyiri.


Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu, na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene.


na wɔn nyinaa aba abɛsisi mmonhwa a ɛsiane kuronkuron, ne abotan mpaepaeɛ mu, ne nkasɛɛ ne ɛserɛ nyinaa so.


AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ɛfa osuo a ɛrentɔ ho no nie:


Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.


na asase yi nyinaa bɛdane amamfo ne ahodwirideɛ, na amanaman yi asom Babel hene mfirinhyia aduɔson.


Sei na ka kyerɛ no: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, deɛ mesiiɛ no, meredwiri, na deɛ meduaeɛ no, meretutu; na yei bɛba asase no nyinaa so.


Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a wasɛe ne dwabirem; AWURADE ama werɛ afiri Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.


Na hwɛ, ɔsɛeɛ nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis bɛsie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinneɛ ananmu na nnɛnkyɛnse bɛsie, na nkasɛɛ bɛfu deɛ wɔn ntomadan siiɛ no.


Wɔasɛe me bobe pasaa, na wɔapempane me borɔdɔma mman; wɔawaewae ho hono agu, na ne mman ho ahoa fitafitaa.


Na me nso mekamee mo osutorɔ abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu, na metɔɔ osuo guu kuro baako so, na mantɔ bi angu kuro baako so. Afuo baako nyaa osuo, na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm,


Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ wɔn adiyie nna no mu, na wɔwɔ nsuo so tumi sɛ wɔma no dane mogya ne sɛ wɔde haw biara ha asase da biara a wɔpɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan