Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 5:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn aponto ase, akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa, nanso wotwiri nea Awurade ayɛ, na wommu ne nsa ano adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase, akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã, nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ, na wɔmmu ne nsa ano adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase, na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 5:12
20 Iomraidhean Croise  

Adɛn nti na woahunta adwane, na woawia wo ho afiri me nkyɛn? Adɛn na woanka ankyerɛ me, na mamfa anigyeɛ ne nnwom, mpintin ne nsankuo mannya wo kwan?


Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?


Ɛfiri sɛ wɔmane firii n’akyiri kɔe, na wɔannwene n’akwan no biara ho,


Ɛfiri sɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛɛ ne ne nsa ano nnwuma so: Ɔbɛdwiri wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.


Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.”


mpintin ho ahurisidie agyae, ahosɛpɛfoɔ hooyɛ to atwa, sankuo ho ahurisidie agyae;


Due, Ariel, Ariel, kuro a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia.


wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yɛnhunu! Na ma Israel Kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra ma yɛnhunu!


Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Na mɛma wo dwontoɔ hooyɛ agyae, na w’asankuo nne nso, wɔrente bio.


na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Saa nso na sɛ nnoɔma a nkwa nni mu a ɛgyegyeɛ, te sɛ abɛn, anaa sankuo, sɛ ankyerɛ nnyegyeeɛ ahodoɔ no a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte deɛ wɔhyɛneeɛ anaasɛ wɔbɔeɛ ase?


Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,


Suro nko na monsuro AWURADE, na momfa mo akoma nyinaa nsom no nokorɛ mu. Na monhwɛ adeɛ kɛseɛ a wayɛ ama mo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan