Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 5:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di mmorosa akyire, wɔn a wɔsiri pɛ ma nsa bo wɔn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di mmorosa akyire, wɔn a wɔsiri pɛ ma nsa bo wɔn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwan wɔn a wosii pɛ anadwo kosi sɛ nsa bɛbow wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan, wɔn a wɔsiri pɛ kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsa akyi, wɔn a wosi pɛ ma nsa bow wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 5:11
21 Iomraidhean Croise  

Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?


Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nnim nyansa.


akyire yi no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ borɔ sɛ ahuritia.


Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.”


wɔmfa dwontoɔ nnom nsa bio, nsa denden yɛ ne nomfoɔ nwono.


Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.


Na wɔbɛtiatia Efraim nsabofoɔ ahantan abotire no so,


Wɔnnue, nsanom mu akatakyie ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ!


Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Due, wo a woma wo yɔnko nsa nom wɔ adwenbɔne kwan soɔ, na woma no borɔ na woahwɛ n’adagya mu.


Na bio nso, Kaldeafoɔ te sɛ nsabofoɔ. Na wɔyɛ nnipa ahokyerɛfoɔ a wɔn bo nnwo da; wɔatrɛ wɔn kra akɔnnɔ mu sɛ Asamando, na wɔte sɛ owuo a ɔmmeeɛ, wɔfa amanaman nnommum ba wɔn nkyɛn na wɔfom aman nyinaa fa.


Na monhwɛ mo ho yie, na adidie mmorosoɔ ne nsaborɔ ne nkwa yi mu nnoɔma ho dadwene ne haw anhyɛ mo akoma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim sɛ fidie,


Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne nsaborɔ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu;


awifoɔ, aniberefoɔ, asabofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no.


nitan, nsaborɔ, agobɔne ne deɛ ɛtete saa; yeinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛdeɛ mebɔɔ mo kɔkɔ kane no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi rennya Nyankopɔn ahennie no.


Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan