Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 5:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho: Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebereɛ kokoɔ bi so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho: Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebereɛ kokoɔ bi so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mɛto dwom ama me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mɛto dwom ama me dɔfo ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho. Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebere koko bi so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 5:1
23 Iomraidhean Croise  

Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom, wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ.


Asɛm pa ayɛ m’akoma ma abu so. Meka adeɛ a mayɛ a ɛfa ɔhene ho, me tɛkyerɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ a ne nsa yɛ hare atwerɛdua.


Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so.


Wotuu obobe firii Misraim bae, wotutuu amanaman na wobɛtɛe.


Me dɔfoɔ wɔ me, na me nso mewɔ no, ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko mu.


N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ne ho nyinaa yɛ akɔnɔdeɛ ara nko. Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie, O Yerusalem mmammaa.


Me deɛ, medae, nanso na m’akoma anyane. Tie! me dɔfoɔ na ɔrebom sɛ: Hini me, me nuabaa, me dɔfoɔ, m’aburuburo a wodi mu; na obosuo ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔeɛ ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.


Me deɛ, mewɔ me dɔfoɔ, na me dɔfoɔ wɔ me, ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko no mu.


Mmoahwɛfoɔ pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadane me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no ɛserɛ pataa;


Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa, wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane me amannɔne bobe nhoma yi?


Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa, bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no?


Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛ no nsuo ho, nsuo pii nti n’aba ne ne mman baa yie.


Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso.


Montie ɛbɛ foforɔ! Afuowura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo aban tentene, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofoɔ bi nsa, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi.


Na ɔfitii aseɛ nam mmebuo so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafoɔ bi, na ɔtuu bata.


Na ɔfirii aseɛ buu ɔman no bɛ yi sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔde fɛmm akuafoɔ bi, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi kɔkyɛree.


Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.


Na sɛ wodidi mee a, hyira AWURADE wo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama woɔ no nti.


Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔntene, nsuo aniwa ne atareɛ a ɛfifiri mmonhwa ne mmepɔ mu sene,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan