Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 48:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Me din nti na metwentwɛn m’abufuo aseɛ, na m’ayeyie nti medwoo m’ani memaa wo, na manku wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Me din nti na metwentwɛn m’abufuo aseɛ, na m’ayeyie nti medwoo m’ani memaa wo, na manku wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Me din nti metwentwɛn mʼabufuw so; mʼayeyi nti miyi fi wo so, sɛnea merensɛe wo koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Medin enti metwentwɛne mʼabufuo so; mʼayɛyie enti meyi firii wo so, sɛdeɛ mentwa wo ntwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Me din nti na metwentwɛn m’abufuw ase, na m’ayeyi nti midwoo m’ani memaa wo, na mansɛe wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 48:9
22 Iomraidhean Croise  

Nanso ne din nti ɔgyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ.


Wo din nti, AWURADE, ma mennya nkwa, wo tenenee mu yi me kra firi ahohia mu,


AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii.


Na ɔno deɛ, ɔyɛ ntimmɔborɔ nti, ɔkataa wɔn amumuyɛ so, na wansɛe nnipa; na ɔtaa sianka n’abufuo, na wanhwanyan n’awerɛhoɔ nyinaa.


Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo din animuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.


Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuo ase, na mfomsoɔ ho twa yɛ no animuonyam.


Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


Na mɛwa kuro yi agye no, me ara ne m’akoa Dawid ntira.


Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Me nti, me nti na meyɛ; ɛfiri sɛ wɔngu me din ho fi sɛn? Meremfa m’animuonyam memma obi.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ nsa ba bobe aba esia mu a wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu, no, saa ara na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa.


Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim.


Nanso mesiankaa me nsa, na me din nti, meyɛe, na ɛho angu fi amanaman a meyii wɔn firii wɔn anim no.


Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE. Me din nti na me ne mo bɛdie, ɛnyɛ mo akwammɔne no so, ne mo nneyɛɛ a asɛeɛ no so, Israel fie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.


Ɛnna menyaa tema maa me din kronkron a Israel fie guu no fi, amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu.


Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?


Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan