Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 48:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Wontee pɛn, nso wonhunui, ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ; na menim sɛ nkontompo ara na wotwa, na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Wontee pɛn, nso wonhunui, ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ; na menim sɛ nkontompo ara na wotwa, na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wontee, na wontee ase; efi tete nyinaa wʼaso asiw. Na minim sɛ woyɛ ɔfatwafo; wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wonteeɛ, na wontee aseɛ; ɛfiri tete nyinaa wʼaso asi. Na menim sɛ woyɛ ɔfatwafoɔ; wɔfrɛɛ wo otuatefoɔ firi yafunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Wontee pɛn, nso wunhui ɛ, efi tete na w’aso mmuei; na minim sɛ nkontompo ara na wutwa, na wɔfrɛ wo mmaratofo fi yafunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 48:8
33 Iomraidhean Croise  

Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woasiesie aso de ama me, wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ.


Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me.


Abɔnefoɔ bɔ ko firi ɔyafunum, wɔfiri wɔn na yam fom kwan di atorɔ.


Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfomfafoɔ refom fa, ɔsɛefoɔ resɛesɛe. O Elam, foro bra! O Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisie nyinaa to atwa.


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.


Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa.


Enti na ɔhwiee n’abufuhyeɛ ne akodie a ano yɛ den no guu ne soɔ, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiaeɛ, nanso wanhunu, na ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.


Monkae yei, na monnwene ho, mo mmaratofoɔ, mokae ɛ.


Na mmusuo bɛto wo a worenhunu yi; na abuo bɛbu wo a worentumi mpata; na mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wo soɔ, worenni no hunkan.


Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa;


afei na wɔabɔ, na ɛmfiri tete, na wontee da gye nnɛ, na woanka sɛ: Hwɛ, menim dada.


AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mante atua mansane m’akyi.


Hwan ho na mogorɔ? Hwan so na motrɛtrɛ mo anomu na motwe mo tɛkyerɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato ne atorofoɔ mma ne mo anaa?


Ampa, sɛdeɛ ɔbaa kɔnkɔnsani twa ne dɔfoɔ nkontompo no, sɛdeɛ mo, Israel fie, moatwa me nkontompo ne no, AWURADE asɛm nie.


Ɛfiri sɛ Israel fie ne Yuda fie atwa me nkontompo, AWURADE asɛm nie.


Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire, wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm.


Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ, na wɔate? Hwɛ, wɔn aso asisi, na wɔntumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ, ɛnyɛ wɔn dɛ.


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafoɔ mma. Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.


Ahɔhoɔ adi n’ahoɔden, nso ɔnnim; ɛdwono nso ahura ne tirim, nso ɔnnim.


Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa.


Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no.


Na me deɛ, bɔne a wɔayɛ no nyinaa sɛ wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn nti, da no hunta na mede m’anim bɛhunta.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan